1“Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.
Wɔatete yɛn mu asinasini
nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ.
Wapirapira yɛn
nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro.
2Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;
nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ
na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
3Momma yɛnnye Awurade nto mu;
momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu.
Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue;
ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu
anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.”
4“Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim?
Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda?
Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,
ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera.
5Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini,
mede mʼanum nsɛm kunkumm mo;
mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam.
6Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,
mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.
7Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ.
Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ.
8Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn
a mogya anammɔn akeka hɔ.
9Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no
saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ;
wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so
yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ.
10Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie.
Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu
Israel gu ne ho fi.
11“Na wo Yuda nso,
wɔahyɛ otwa berɛ ama wo.
“Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn,
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
