1Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no hunuu sɛ masiesie ɔfasuo no awie a ɛkwan biara nneda ntam a ɛnso yɛnsisii apono no,
2Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me sɛ, menhyia wɔn nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tata so. Nanso, mehunuu sɛ wɔrepam me tiri so,
3enti memaa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Mereyɛ adwuma kɛseɛ bi a merentumi nnyae mmɛhyia mo.”
4Wɔtoo me saa nkra no mpɛn ɛnan. Ne nyinaa mu, memaa mmuaeɛ korɔ no ara.
5Ne mpɛn enum so no, Sanbalat ɔsomfoɔ kura krataa a wɔatwerɛ baeɛ.
6Na krataa no mu nsɛm nie:
“Gesem aka akyerɛ me sɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne sɛ, wopɛ sɛ wobɛdi wɔn so ɔhene.
7Ɔkɔ so ka sɛ, woayi adiyifoɔ bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wogye to mu sɛ, saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”
8Mebuaa sɛ, “Wonim sɛ woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu.”
9Huna na na wɔpɛ sɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no yɛ. Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so.
10Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.”
11Na mebuaa sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!”
12Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.
13Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din.
14Ao me Onyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifoɔ baa Noadia ne adiyifoɔ a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛɛ sɛ wɔhunahuna me no.
Adansifoɔ No Wie Ɔfasuo No To15Enti, Elul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so mmienu no, wɔwiee ɔfasuo no nsiesie, nnafua aduonum mmienu a wɔhyɛɛ dwumadie no ase.
16Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.
17Saa nnafua aduonum mmienu no mu, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfoɔ no ntam.
18Ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babaa.
19Wɔkɔɔ so kaa sɛdeɛ Tobia ho yɛ nwanwa fa no kyerɛɛ me, na afei, wɔkaa biribiara a mekaeɛ nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.