Hesekiel 28 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Tirohene

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ,

“Meyɛ onyame;

mete onyame bi ahennwa so

wɔ ɛpo mfimfini.”

Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,

ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi.

3Wonim nyansa sene Daniel anaa?

Wonim kokoamsɛm biara anaa?

4Wonam wo nyansa ne nhunumu so

anya ahodeɛ ama wo ho.

Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree

agu wʼakoradan mu.

5Wonam wʼadwadie mu nyansa so

ama wʼahonya adɔɔso,

na wʼahonya enti

wahoran wɔ wʼakoma mu.

6“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa

te sɛ Onyame enti,

7mede ananafoɔ reba abɛtia wo,

amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara;

wɔbɛtwetwe wɔn akofena

wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so

na wɔahwire wʼanimuonyam no.

8Wɔde wo bɛto amena no mu,

na wobɛwu owu yaaya

wɔ ɛpo mfimfini.

9Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,”

wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa?

Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame

wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam.

10Wobɛwu momonotofoɔ wuo

wɔ ananafoɔ nsam.

Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

11 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ,

na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua.

13Na anka wowɔ Eden

Onyankopɔn turo no mu.

Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:

bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ

sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ,

aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ.

Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ,

wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ.

14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub,

ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ.

Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so;

wonantee ogya aboɔ mu.

15Na anka wʼakwan ho nni asɛm

ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no

kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu.

16Wʼadwadie a emu trɛ no enti

wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma

na woyɛɛ bɔne.

Ɛno enti mepamoo wo firii

Onyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu,

na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub,

firii ogya aboɔ no mu.

17Wo horanee wɔ wʼakoma mu

wʼahoɔfɛ enti,

na womaa wo nyansa porɔeɛ,

wʼanimuonyam no enti.

Enti metoo wo twenee fam;

na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim.

18Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie

agu wo kronkrommea ho fi,

ɛno enti memaa ogya firii wo mu

na ɛhyee wo,

na mema wo danee nsõ

wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.

19Aman a na wɔnim woɔ nyinaa

ho adwiri wɔn wɔ wo ho:

wʼawieeɛ ayɛ ahomete

na wɔrenhunu wo bio.’ ”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Sidon

20 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no

22na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Me ne wo anya, Ao Sidon

na mɛnya animuonyam wɔ wo mu.

Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,

ɛberɛ a mede asotwe aba wo so

na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu.

23Mɛma ɔyaredɔm aba wo so

na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so.

Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu,

ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa.

Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.

24“ ‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.

25“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so.

26Wɔbɛtena hɔ asomdwoeɛ mu na wɔbɛsisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu wɔ ɛberɛ a matwe nʼayɔnkofoɔ a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.’ ”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help