1Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea;
mma mʼanim ngu ase;
firi wo tenenee mu gye me.
2Yɛ aso ma me,
bra ntɛm bɛgye me;
yɛ me banbɔ botan,
aban a mʼatamfoɔ nsa renka me.
3Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti,
wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
4Gye me firi afidie a wɔasum me no mu,
ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea.
5Wo nsam na mede me kra hyɛ;
gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ.
6Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo;
mede me ho to Awurade so.
7Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu,
ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehunu
na wonim me kra mu haw.
8Woamfa me amma ɔtamfoɔ no
mmom wode me nan asisi petee mu.
9Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me;
awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu
ɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ.
10Ateeteeɛ rete me nkwa so
na abooboo te me mfeɛ so;
ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ fam
na me nnompe nso ahodwo.
11Mʼatamfoɔ nyinaa enti,
mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;
nnipa a wɔnim me suro me,
na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane.
12Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo;
mayɛ sɛ kukuo a abɔ.
13Mete dodoɔ no nsekuro.
Ahunahuna atwa me ho ahyia.
Wɔrepam me tiri so
na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me.
14Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade;
meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.”
15Me mmerɛ wɔ wo nsam
gye me firi mʼatamfoɔ
ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
16Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ;
gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu.
17Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade,
ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo;
mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase
na wɔnna wɔn damena mu komm.
18Mua atorofoɔ ano,
ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo
kasa tia teneneefoɔ.
19Wo papayɛ dɔɔso,
ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no;
ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no
wɔ nnipa anim.
20Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu
firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho;
wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo
firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho.
21Ayɛyi nka Awurade!
Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me
ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu.
22Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ:
“Woayi wʼani me so!”
Nanso wotee me mmɔborɔ su
ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no.
23Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa!
Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so,
na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
24Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,
mo a mowɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.