Yesaia 25 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Ayɛyie Nka Awurade

1Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn;

mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,

ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu

ayɛ anwanwadeɛ bebree,

nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete.

2Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie,

kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe;

ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio;

na wɔrensi bio.

3Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni

atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam.

4Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea,

ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea,

ahum ano ahintaeɛ

ɔhyeɛ mu nwunu

na atutupɛfoɔ ahome

te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo

5ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so.

Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase;

sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no,

saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ.

6Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so.

Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna,

ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa.

7Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛe

owuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa ho

ne owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so;

8Ɔbɛmene owuo afebɔɔ.

Asafo Awurade bɛpepa

aniso nisuo nyinaa.

Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora,

afiri nsase nyinaa so.

Awurade na waka.

9Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ,

“Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie;

yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn;

Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ;

momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.”

10 Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so;

nanso ɔbɛtiatia Moab so

te sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena.

11Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so,

sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ.

Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ ase

a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho.

12Ɔbɛbubu mo banbɔ afasuo atentene no agu;

ɔbɛbubu agu fam

ama ayɛ mfuturo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help