1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.
Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ,
“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.
2Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu,
na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so
sɛ wɔbɛto wɔ esum mu
de awɔ akoma mu ahotefoɔ.
3Sɛ wɔresɛe fapem no a,
ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”
4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;
Awurade te ne soro ahennwa so.
Ɔhwɛ nnipa mma,
nʼani hwehwɛ wɔn mu.
5 Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu,
na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ,
ne kra kyiri wɔn.
6Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ
agu Amumuyɛfoɔ so;
na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.
7 Awurade yɛ ɔteneneeni,
na ɔpɛ atɛntenenee;
wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
