1Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ,
sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ;
wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti,
pepa me mmarato.
2Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa
na te me ho firi me bɔne mu!
3Na mahunu me mmarato,
na mekae me bɔne daa.
4Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara
na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,
enti, wodi bem wɔ wo kasa mu
na wotene wɔ wʼatemmuo mu.
5Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu,
na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.
6Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu.
Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ.
7Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte;
dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.
8Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka;
na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.
9Kata wʼani wɔ me bɔne ho
na pepa mʼamumuyɛ nyinaa.
10Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu,
na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.
11Mpamo me mfiri wʼanim
na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.
12Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio
na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.
13Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan,
na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn.
14Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu.
Onyame a wogye me nkwa,
na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom.
15Ao Awurade, bue mʼano fafa,
na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie.
16Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ;
wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.
17Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ.
Ao Onyankopɔn,
worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.
18Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu;
na to Yerusalem afasuo.
19Afei afɔrebɔ a ɛho teɛ bɛba,
ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛdi mu a ɛbɛsɔ wʼani;
na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ wʼafɔrebukyia so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
