1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion,
a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.
2Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no,
saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia
seesei ne daa.
3Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a
wɔde ama teneneefoɔ so.
Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ
nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
4Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,
wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa.
5Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ,
Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ.
Asomdwoeɛ nka Israel.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
