1Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne.
Ɔtee me mmɔborɔhunu su.
2Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti,
mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi.
3Owuo nhoma kyekyeree me,
ɛda ho ahometeɛ baa me so,
ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so.
4Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ,
“Ao Awurade, gye me nkwa!”
5 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;
ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.
6 Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;
ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.
7Nya abotɔyam bio, Ao me kra,
ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.
8Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu;
woamma mʼani amporo nisuo,
na woamma me nan ansunti,
9sɛ mɛnante Awurade anim
wɔ ateasefoɔ asase so.
10Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ,
“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”
11Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ,
“Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.”
12Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka
wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?
13Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so
na mabɔ Awurade din.
14Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.
15Nʼahotefoɔ wuo
yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.
16Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ;
meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima;
wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.
17Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo
na mabɔ Awurade din.
18Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,
19wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie
wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem.
Monkamfo Awurade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
