Hesekiel 15 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Yerusalem, Bobe Dua Hunu

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2“Onipa ba, ɛkwan bɛn so na bobe dutan ho bɛba mfasoɔ asene kwaeɛ mu dua foforɔ biara mman?

3Wɔtwa dua no bi de yɛ biribi a ɛho wɔ mfasoɔ? Wɔde yɛ pɛɛwa a wɔde nneɛma sensɛn soɔ anaa?

4Na sɛ wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini yɛ bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa?

5Na sɛ ɛho amma mfasoɔ ɛberɛ a ɛdi mu a, ɛbɛyɛ den na wɔbɛtumi de ayɛ mfasodeɛ bi, ɛberɛ a ahye adane bidie?

6“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛfera kwaeɛm nnua mu ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɛkwan no so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no bɛfa.

7Mɛtu mʼani asi wɔn so. Ɛwom sɛ wafiri ogya no mu deɛ, nanso ɛbɛhye wɔn bio. Na sɛ metu mʼani si wɔn so a, wobɛhunu sɛ mene Awurade.

8Mɛma asase no ada mpan, ɛfiri sɛ wɔanni nokorɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help