2 Berɛsosɛm 15 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Asa Hyehyɛ Nyamesom Foforɔ

1Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so,

2na ɔpue kɔhyiaa ɔhene Asa a ɔfiri akono reba no. Ɔteaam guu Asa so sɛ, “Tie me, Asa, Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa montie. Mmerɛ dodoɔ a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Ɛberɛ biara a mobɛhwehwɛ noɔ no, mobɛhunu no. Nanso sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo.

3Teteete no, na Israel nni nokorɛ Onyankopɔn, na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wɔnni Onyankopɔn mmara nso.

4Nanso, ɛberɛ biara a mobɛkɔ ahohiahia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Onyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, mohunu no.

5Saa esum berɛ no mu, na akwantuo yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa.

6Akodie baa Ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, ɛfiri sɛ Awurade maa ɔhaw ahodoɔ bebree baa mo so.

7Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, monnya akokoɔduru, na mobɛnya mo adwumayɛ so akatua.”

8Ɛberɛ a Asa tee saa asɛm yi firii odiyifoɔ Oded babarima Asaria nkyɛn no, ɔnyaa akokoɔduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkuro a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔ nsase so no. Ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na ɛsi Awurade Asɔredan ntwonoo anim no.

9Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wɔfiri Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa berɛ so, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Awurade ne Onyankopɔn ka ne ho.

10Ɛrekɔ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa awieeɛ no mu a na Asa adi adeɛ mfeɛ dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem.

11Saa ɛda no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔdeɛ. Na mmoa no dodoɔ yɛ anantwie ahanson a nnwan ne mpɔnkye nso dodoɔ yɛ mpem nson.

12Afei, wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.

13Wɔpenee so sɛ, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no, wɔbɛkum no, sɛ ɔnnyiniiɛ anaa wanyini, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa.

14Wɔhyɛnee ntotorobɛnto ne mmɛn dendeenden, de dii Awurade nokorɛdie ntam no ho adanseɛ.

15Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu na ɛyɛeɛ. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wɔhunuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegyeɛ firii wɔn atamfoɔ a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.

16Mpo ɔhene Asa tuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, ɔsii Asera afɔrebukyia a ɛyɛ atantanneɛ. Ɔtwaa dua no, bubuu mu, hyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu.

17Ɛwom sɛ wɔantutu abosonsom asɔreeɛ no nyinaa amfiri Israel deɛ, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwa nna nyinaa.

18Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahodoɔ a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.

19Enti, ɔko ansi bio kɔsii Asa adedie afe a ɛtɔ so aduasa enum no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help