1 Korintofoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuPaulo asɛnka akwantuo a ɛtɔ so mmienu no mu na ɔtee asafo wɔ Korinto. Na Korinto yɛ hyɛngyinabea ne adwadie kuro. Na amumuyɛ ahodoɔ ne anyamesom ahodoɔ ahyɛ hɔ ma tɔ. Paulo twerɛɛ saa krataa yi de kɔmaa Akristofoɔ a wɔwɔ Korinto hɔ, nam so tuu wɔn fo sɛdeɛ wɔbɛtena ase sɛ Akristofoɔ. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ɛberɛ biara wɔntena ase wɔ baakoyɛ ne ɔdɔ mu. Nneɛma mmiɛnsa a ɛdidi so yi enti na saa krataa yi ho hia yie no: Adidi Kronkron ho akwankyerɛ, ɔdɔ, ne awufosɔreɛ.Emu NsɛmNkyea ne nnianimu (1.1-9)Mpaapaemu ho afotuo (1.1–4.21)Asafo no nkyerɛkyerɛ (5.1–6.20)Nsɛmmisa bi ho mmuaeɛ (7.1–15.58)Nsɛm a ɛtwa toɔ (16.1-24)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help