1Asase a wɔde maa mmusua a wɔbom yɛ Yuda abusuakuo no kɔduruu Edom ɛhyeɛ so wɔ anafoɔ fam, na Sin ɛserɛ so na ɛkɔpem.
2Anafoɔ fam ɛhyeɛ no hyɛɛ aseɛ wɔ Nkyene Ɛpo no mpoano a ɛwɔ anafoɔ fam,
3tene faa Akrabbim kɔsii Sin ɛserɛ so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafoɔ fam kɔsii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kɔsii Adar, ɛnna ɛdane kɔɔ Karka.
4Ɛtwaam kɔɔ Asmon kɔduruu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kɔwiee wɔ ɛpo kɛseɛ no mu. Yei ne wɔn anafoɔ fam ɛhyeɛ.
5Apueeɛ fam ɛhyeɛ no firi Nkyene Ɛpo no kɔduru Asubɔnten Yordan ano.
Atifi fam ɛhyeɛ no firi beaeɛ a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Ɛpo no mu,
6na ɛtwam kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan boɔ no ho. Na Bohan yɛ Ruben babarima.
7Ɛfiri hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bɔnhwa no mu kɔka Debir, na ɛdane wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a ɛtwam firi Adumim nsianeɛ mu wɔ anafoɔ fam wɔ bɔnhwa no nkyɛn mu. Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no tene kɔsi En-Semes nsuo no ano, na akɔpem En-Rogel.
8Afei, ɛhyeɛ no fa Hinom babarima bɔnhwa no mu, kɔfa Yebusifoɔ anafoɔ nsianeɛ so, deɛ Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔeɛ fam wɔ bepɔ no apampam, toa so kɔ Hinom bɔnhwa no so kɔsi Refaim bɔnhwa ano wɔ atifi fam.
9Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no toa so kɔfa bepɔ no apampam kɔ Neftoa asuo no asutire no ho. Ɛfiri hɔ kɔ nkuro a ɛdeda Efron bepɔ so no. Na ɛhima kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.)
10Ɛhyeɛ no twa fa Baala ho wɔ atɔeɛ fam kɔsi bepɔ Seir so, ɛkɔ ara kɔsi Kesalon kurom wɔ bepɔ Yearim atifi nsianeɛ so, na akɔ fam akɔsi Bet-Semes ne Timna.
11Ɛhyeɛ no kɔ ara kɔsi bepɔ no nsianeɛ a ɛwɔ Ekron atifi fam, baabi a ɛdane hwɛ Sikron ne Baala bepɔ no. Ɛtra Yabneel na akɔpem Ɛpo Kɛseɛ no.
12Na atɔeɛ fam ɛhyeɛ no nso ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoanompoano.
Yeinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuo no ahyeɛ.
Asase A Wɔde Maa Kaleb13 Awurade hyɛɛ Yosua sɛ ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no.
14Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefoɔ no firii hɔ.
15Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kuro Debir (a kane no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no.
16Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.”
17Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
18Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa firii nʼafunumu so sii fam no, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
19Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hyira me bio. Woayɛ adom ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase.
Nkuro A Ɛbɛyɛɛ Yuda Agyapadeɛ20Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuo no agyapadeɛ.
21Na Yudafoɔ nkuro a ɛdeda Edom ahyeɛ so wɔ anafoɔ pɛɛ no ne:
Kabseel ne Eder ne Yagur,
22Kina ne Dimona ne Adada,
23Kedes ne Hasor ne Itnan,
24Sif ne Telem ne Bealot,
25Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor),
26Amam ne Sema ne Molada,
27Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet,
28Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia,
29Baala ne Iim ne Esem,
30El-Tolad ne Kesil ne Horma,
31Siklag ne Madmana ne Sansana,
32Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkuro yi nyinaa ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia dodoɔ yɛ aduonu nkron.
33Saa nkuro a na ɛwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ no so a wɔde maa Yuda nie:
Estaol ne Sora ne Asna.
34Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam,
35Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,
36Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunan.
37Deɛ ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad,
38Dilean ne ne Mispe ne Yokteel,
39Lakis ne Boskat ne Eglon,
40Kabon ne Lahmam ne Kitlis,
41Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunsia.
42Yeinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan,
43Yifta ne Asna ne Nesib,
44Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ nkron.
45Ekron nkuro ne nkuraaseɛ nyinaa ka Yuda asase ho,
46ɛfiri Ekron no, ɛhyeɛ no trɛ de kɔ atɔeɛ fam a nkuro a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia ka ho.
47Saa ara na Asdod nkuro ne ne nkuraaseɛ, Gasa nkuro ne ne nkuraaseɛ kɔsi Misraim asuwa no, de kɔfa Ɛpo Kɛseɛ no mpoano ka ho.
48Yuda sane nyaa nkuro a ɛdidi so yi a na ɛwɔ nkokoɔ asase so:
Samir ne Yatir ne Soko,
49Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir,
50Anab ne Estemo ne Anim,
51Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dubaako.
52Na saa nkuro yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan,
53Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka,
54Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkuro nkron ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
55Nkuro a ɛdidi soɔ yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta,
56Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,
57Kain, Gibea ne Timna, nkuro edu ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia.
58Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor,
59Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
60Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkuro mmienu ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
61Ɛserɛ so nkuro no nso ne:
Bet-Araba, Midin ne Sekaka,
62Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
63Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yuda abusuakuo no antumi antu wɔn enti, Yebusifoɔ ne Yuda abusuakuo no tenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.