1Na Hiob kasaa bio sɛ,
2“Woaboa deɛ ɔnni tumi!
Woagye basa a ɛnni ahoɔden!
3Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo!
Na woada nhunumu pa ara adi!
4Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?
Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu?
5“Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu,
wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa.
6Asamando da adagya Onyankopɔn anim;
Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ.
7Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so;
na ɔde asase sensɛn ohunu so.
8Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,
nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.
9Ɔtrɛ ne omununkum mu
de kata ɔsrane ani.
10Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so
de to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam.
11Ɔsoro nnyinasoɔ woso,
na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn.
12Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpo
ne nyansa mu, ɔtwitwaa ɛpobɔpɔn mu asinasini.
13Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ;
na ne nsa wɔɔ ɔtweaseɛ a ɔrewea.
14Yeinom yɛ ne nnwuma mfeafeaho;
ɔka asomusɛm brɛoo kyerɛ yɛn!
Na hwan na ɔbɛtumi ate ne tumi mmobɔmu no ase.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
