1 Tesalonikafoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuPaulo na ɔtee asafo wɔ Tesalonika a na ɛhɔ yɛ adwadie kuro no. Yudafoɔ mpanin no tiaa Paulo nkyerɛkyerɛ no mu anibereɛ so maa Paulo tu firii hɔ. Yudafoɔ no sɔre gyinaa dendeenden taa Akristofoɔ, enti ɛyɛɛ saa maa Paulo hokafoɔ Timoteo firii Tesalonika kɔɔ Paulo nkyɛn kɔkaa ɔhaw a Akristofoɔ no wɔ mu no kyerɛɛ no. Yei na ɛmaa Paulo twerɛɛ saa krataa yi de kɔhyɛɛ Akristofoɔ a wɔwɔ Tesalonika no nkuran. Ɔdaa wɔn gyidie ne ɔdɔ a wɔwɔ no nso ase. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsɔ gyidie no mu denden na wɔntena ase sɛ nokorɛ Akristofoɔ a wɔrehwɛ Kristo ba a ɛtɔ so mmienu no anim dendeenden.Emu NsɛmNkyea (1.1)Sɛdeɛ na asafo no te ne nʼanimuonyam (1.2-10)Asomafoɔ a na wɔka wɔn ho no adwuma (2.1–3.13)Ɛkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so ka asafo no mu nsɛm (4.1–5.11)Nkuranhyɛ nsɛm (5.12-28)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help