Hosea 8 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Israel Bɛtwa Ntwahoframa Aba

1“Monhyɛn totorobɛnto!

Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ so

ɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam so

na wɔasɔre atia me mmara.

2Afei, Israel su frɛ me sɛ,

‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’

3Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ;

ɔtamfoɔ bɛtaa no.

4Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee

wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so.

Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho

de sɛeɛ wɔn ankasa ho.

5To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria!

Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so.

Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?

6Wɔfiri Israel!

Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ;

ɛnyɛ Onyankopɔn!

Wɔbɛbubu mu asinasini,

saa Samaria nantwie ba no.

7“Wɔdua mframa

na wɔtwa ntwahoframa.

Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire;

enti wɔrennya esam mfiri mu.

Sɛ ɛso aduane mpo a,

ahɔhoɔ na wɔbɛdi.

8Wɔamene Israel;

afei ɔfra aman no mu

te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.

9Na wɔakɔ Asiria

te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam.

Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.

10Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ,

nanso mɛboaboa wɔn ano.

Wɔn so bɛfiri aseɛ ate

wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.

11“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ,

ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.

12Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,

nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ.

13Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ

na wɔwe ɛnam no,

nanso wɔnsɔ Awurade ani.

Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm

na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:

Wɔbɛsane akɔ Misraim.

14Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ

na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ;

Yuda abɔ nkuro bebree ho ban.

Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya

a ɛbɛhye wɔn aban.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help