Yesaia 8 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Asiria, Awurade

Nsa Mu Dadeɛ

1 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so.

2Na mɛfrɛ ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ mʼadansefoɔ nokwafoɔ aba.”

3Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.

4Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.”

5 Awurade kasa kyerɛɛ me bio sɛ,

6“Esiane sɛ saa nkurɔfoɔ yi apo

Siloa nsuo a ɛresene brɛoo

na wɔdi ahurisie wɔ Resin

ne Remalia babarima no ho enti,

7 Awurade reyɛ de Asubɔnten no

yire kɛseɛ no atia wɔn,

Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa.

Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu,

na abu afa ne nkonkɔn so

8na apra abɛfa Yuda, akontono afa ho,

atene afa mu abɛdeda ɛkɔn mu.

Na atrɛtrɛ akata asase no nyinaa so

Ao Immanuel.”

9Momma ɔko nteamu so, mo aman na wɔndwɛre mo!

Montie mo akyirikyiri aman.

Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!

Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!

10Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no;

da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Suro Nyankopɔn

11 Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ,

12“Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam

na ɛyɛ tirisopam.

Monnsuro deɛ wosuro,

na momma ɛmmɔ mo hu.

13Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron,

ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no,

ɔno na ne ho yɛ hu,

14ɔbɛyɛ kronkronbea:

nanso Israel afie mmienu no deɛ,

ɔbɛyɛ suntiboɔ

ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.

Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ

ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn.

15Wɔn mu bebree bɛsuntisunti;

wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio;

wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.”

16Kyekyere adanseɛ no

sɔ mmara no ano ma mʼasuafoɔ.

17Mɛtwɛn Awurade

a wayi nʼani afiri Yakob efie so

mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.

18Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no nie. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne ahyɛnsodeɛ wɔ Israel, na yɛfiri Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔso no nkyɛn.

19Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkɔ hunu asamanfrɛfoɔ ne nnunsifoɔ a wɔkasa aso mu na emu nteɛ a, adɛn enti na wɔmmmisa wɔn Onyankopɔn? Adɛn enti na mobisa adeɛ wɔ awufoɔ nkyɛn ma ateasefoɔ?

20Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann.

21Wɔde ahohiahia ne ɛkɔm bɛnantenante asase no so; na sɛ wɔtɔ baha a, wɔn bo bɛfu na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn ɔhene ne wɔn Onyankopɔn.

22Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wobɛhunu ahohiahia ne esum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛne esum kabii mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help