Hiob 11 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Sofar Mmuaeɛ A Ɛdi Ɛkan

1Na Naamani Sofar buaa sɛ,

2“Ɛnsɛ sɛ wɔyi saa nsɛm yi ano anaa?

Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔkasafoɔ yi bem anaa?

3Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm anaa?

Sɛ wodi fɛ a obiara renka wʼanim anaa?

4Woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Me gyidie ho nni asɛm

na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’

5Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa,

anka ɔnkasa ntia wo

6na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo,

ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu.

Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo.

7“Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa?

Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa?

8Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ?

Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu?

9Ne nsusuiɛ mu ware sene asase

na ɛtrɛ sene ɛpo.

10“Sɛ ɔba na ɔde wo to nneduadan mu

ansa na wasi nkonnwa a, hwan na ɔbɛtumi asi no ɛkwan?

11Ampa ara ɔhyɛ nnipa nnaadaafoɔ nso;

na sɛ ɔhunu amumuyɛ a, ɔnhyɛ ne nso anaa?

12Nanso ogyimifoɔ rentumi nyɛ onyansafoɔ

sɛdeɛ wɔrentumi nwo afunumu ba sɛ onipa no.

13“Na sɛ wode wʼakoma ma no

na wopagya wo nsa kyerɛ no,

14sɛ wogyaa bɔne a wokura no mu

na woamma amumuyɛ antena wo ntomadan mu a,

15ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre;

wobɛgyina pintinn a wonsuro.

16Wo werɛ bɛfiri wʼahokyere,

na ɛbɛyɛ wo sɛ nsuo a asene korɔ.

17Wʼabrabɔ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ,

na esum bɛyɛ sɛ adekyeɛ hann.

18Wobɛnya banbɔ, ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ;

wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoeɛ mu.

19Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo,

na bebree bɛhwehwɛ mmoa afiri wo nkyɛn.

20Amumuyɛfoɔ ani bɛfira,

wɔrentumi nnwane;

na wɔn anidasoɔ bɛdane owuo ahomeguo.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help