Hesekiel 26 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Tiro

1Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2“Onipa ba, Tiro aka afa Yerusalem ho sɛ ‘Ahaa! Amanaman no ano ɛpono abubu na nʼapono no abuebue ama me; seesei a kuropɔn yi asɛe yi, mɛnya nkɔsoɔ.’

3Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya Tiro, mede aman bebree bɛba abɛtia wo te sɛ ɛpo a ɛrebɔ nʼasorɔkye.

4Wɔbɛsɛe Tiro afasuo na wɔadwiri nʼaban tentene. Mɛtwerɛ ɛso dɔteɛ agu ama ayɛ ɔbotan kwawee.

5Ɛpo mu, ɔbɛyɛ beaeɛ a wɔhata asau, ɛfiri sɛ makasa. Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɔbɛyɛ amanaman no afodeɛ,

6na akofena bɛsɛe nʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee soɔ no pasaa. Afei wɔbɛhunu sɛ, mene Awurade no.

7“Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ ne akodɔm kɛseɛ afiri atifi fam abɛtia wo.

8Ɔde akofena bɛsɛe wʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee no so pasaa; ɔbɛsisi mpampim ayɛ epie wɔ wʼafasuo ho na wama nʼakokyɛm so atia wo.

9Ɔde obubuadaban nnua bɛpempem wʼafasuo no, na ɔde akodeɛ abubu wʼaban atentene no asɛe no.

10Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yie, na wɔbɛbɔ mfuturo akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam nnyegyeeɛ bɛma wʼafasuo awoso ɛberɛ a wɔahyɛne wɔapono mu, sɛdeɛ mmarima hyɛne kuropɔn a nʼafasuo mu adeda akwan.

11Nʼapɔnkɔ no ntɔte bɛtiatia wo mmɔntene nyinaa so. Ɔde akofena bɛkunkum wo nkurɔfoɔ na wʼafadum denden no bɛbubu agu fam.

12Wɔbɛfom wʼahodeɛ na wɔawia wʼadwadeɛ, wɔbɛbubu wʼafasuo, na wɔadwiri wʼadan fɛfɛ no na wɔatoto wʼaboɔ, wo nnua ne wo dɔteɛ agu ɛpo mu.

13Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no aba awieeɛ na wɔrente wo sankuo so nnwontoɔ no bio.

14Mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrensi kuro no bio. Me Awurade na maka!

15“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa?

16Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti.

17Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ:

“ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din,

wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu,

na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so!

Wo ne wo manfoɔ;

wo de ehu hyɛɛ

wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.

18Seesei, mpoano nsase no ho popo

wɔ wʼasehweɛ ɛda no;

nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no

abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’

19“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a,

20mede wo ne wɔn a wɔkɔ amena mu no bɛsiane akɔ teteetefoɔ no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubuiɛ, wo ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no, na worensane anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.

21Mede wo bɛba awieeɛ a ɛyɛ hu mu, na worentena asase so bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhunu wo bio da, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help