Nnwom 54 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 54Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.”

1Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;

fa wo tumi di mʼasɛm ma me.

2Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ;

tie mʼanom nsɛm.

3Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so.

Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me;

nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.

4Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ;

Awurade ne me hwɛfoɔ.

5Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so;

wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.

6Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo;

Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ,

ɛfiri sɛ ɛyɛ.

7Woagye me afiri me haw nyinaa mu,

na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help