Nnwom 128 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 128Ɔsorokorɔ dwom.

1Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,

na wɔnante nʼakwan so.

2Wobɛdi wʼadwuma so aba;

nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.

3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba

wɔ wo fie;

na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri

atwa wo ɛpono ho ahyia.

4Yei ne onipa a wɔahyira noɔ,

deɛ ɔsuro Awurade no.

5 Awurade nhyira wo mfiri Sion

wo nkwa nna nyinaa;

na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,

6na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma.

Asomdwoeɛ nka Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help