Yesaia 41 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Israel Boafoɔ

1“Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔ!

Ma aman no nhyɛ wɔn ho den!

Ma wɔmmra ha mmɛkasa;

momma yɛn mmom nhyia mu wɔ asɛnniiɛ hɔ.

2“Hwan na wakanyane deɛ ɔfiri apueeɛ no,

afrɛ no tenenee mu sɛ ɔmmɛsom no?

Ɔde aman hyɛ ne nsa

na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim.

Ɔde nʼakofena ma wɔdane mfuturo,

ɔde ne bɛma ma wɔdane ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.

3Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara enti ne ho,

wɔ ɛkwan a ɔmfaa so da so.

4Hwan na wayɛ yei akɔsi awieeɛ,

afrɛ awoɔ ntoatoasoɔ afiri mfitiaseɛ?

Me Awurade, mene Ahyɛaseɛ

ne Awieeɛ no. Mene ɔno ara.”

5Nsupɔ no ahunu na wɔbɔ hu;

nsase ano ho popo.

Wɔtwi bɛn, na wɔba anim;

6na obiara boa ne yɔnko

na ɔka kyerɛ ne nua sɛ, “Yɛ den!”

7Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ nkuran,

na deɛ ɔde asaeɛ yɛ no tromtrom

boa deɛ ɔbɔ atomboɔ so.

Ɔka fa ɔsɔ no ho sɛ, “Ɛyɛ pa ara.”

Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛdeɛ ɛrentu nhwe fam.

8“Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ,

Yakob, deɛ mayi no no,

mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ.

9Mefaa wo firi nsase ano,

firi nʼakyirikyiri ntweaso, na mefrɛɛ wo.

Mekaa sɛ, ‘Woyɛ me ɔsomfoɔ’;

mapa wo na me ne wo wɔ hɔ.

10Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ;

mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn.

Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;

mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.

11“Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara

wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase;

wɔn a wɔtia wo no

rensɛ hwee na wɔbɛwu.

12Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ,

nanso worenhunu wɔn.

Wɔn a wɔtu wo so sa no

rensɛ hwee koraa.

13Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,

deɛ ɔkura wo nsa nifa mu

na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro;

mɛboa wo.

14Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob,

Ao Israel a wo sua,

na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ,

wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no.

15“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa,

a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree.

Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn,

na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ.

16Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so,

na ahum abɔ wɔn akɔ.

Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu

na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam.

17“Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo,

nanso ebi nni hɔ;

osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe.

Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ.

Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn.

18Mɛma nsubɔntene atene wɔ sorɔnsorɔmmea bonini no so,

na nsutire apue wɔ bɔnhwa mu.

Mɛdane anweatam ayɛ no nsubura,

na nsase a awo adane nsutire bebree.

19Mɛduadua wɔ anweatam so,

ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua.

Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so

asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu,

20sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate,

na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ,

Awurade nsa na ayɛ saa adeɛ yi;

Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ.

21“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ.

“Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ.

22“Fa wʼahoni no bra

na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.

Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn,

sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa

na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba.

Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.

23Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye,

na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame.

Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn.

24Nanso, monnka hwee,

na mo nnwuma ho nni mfasoɔ;

deɛ ɔfa mo no yɛ akyiwadeɛ.

25“Makanyane obi a ɔfiri atifi fam na ɔreba,

deɛ ɔfiri owia apueeɛ na ɔbɔ me din.

Ɔtiatia sodifoɔ so te sɛ dɔteɛ a wɔde si dan,

te sɛ ɔnwomfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ.

26Hwan na ɔkaa yei ho asɛm firii ahyɛaseɛ, sɛdeɛ anka ɛbɛma yɛahunu,

anaa waka ato hɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ne deɛ no yɛ’?

Obiara anka yei,

obiara anni ɛkan anka,

obiara ante nsɛm biara amfiri wo nkyɛn.

27Me na medii ɛkan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, wɔn nie!’

Mɛma Yerusalem ɔsomafoɔ bi a ɔde asɛmpa bɛba.

28Mehwɛ nanso obiara nni hɔ,

obiara nni wɔn mu a ɔbɛtu wɔn fo,

sɛ mebisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuaeɛ.

29Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofoɔ!

Wɔn nneyɛeɛ nka hwee;

wɔn nsɛsodeɛ yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help