Hesekiel 11 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Israel Ntuanofoɔ Atemmuo

1Afei, honhom no pagyaa me de me baa Awurade efie ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no ano. Na mmarima aduonu enum wɔ hɔ, na mehunuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ.

2Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔrebɔ pɔ bɔne na wɔtu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu.

3Wɔka sɛ, ‘Ɛberɛ a wɔde sisi afie nnuru so anaa? Kuropɔn no ayɛ sɛ dadesɛn, ɛnna yɛayɛ ɛnam a dadesɛn no bɔ yɛn ho ban.’

4Ɛno enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Hyɛ nkɔm onipa ba.”

5Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ. Menim deɛ moreka, ɛfiri sɛ menim nsusuiɛ a ɛwɔ mo adwene mu.

6Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔntene so ma.

7“Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Kuro no yɛ dadesɛn deɛ, nanso emu ɛnam no yɛ nnipa a mode atirimuɔden akunkum wɔn apete hɔ. Ɛno enti, mɛpam mo afiri mu.

8Mosuro akofena, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sei na Awurade seɛ.

9Mɛpam mo afiri kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafoɔ nsa, na matwe mo aso.

10Mobɛtotɔ akofena ano, na mɛbu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei, mobɛhunu sɛ mene Awurade no.

11Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛdeɛ dadesɛn bɔ ɛnam a ɛwɔ mu no ho ban; Mɛbu mo atɛn wɔ Israel asase so.

12Na mobɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛfiri sɛ, moanni mʼahyɛdeɛ so, moapo me mmara, na deɛ aman a atwa mo ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”

13Afei ɛberɛ a megu rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wuiɛ. Na mede mʼanim butuu fam suu denden sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade, wobɛtɔre Israel nkaeɛfoɔ yi ase koraa anaa?”

14 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

15“Onipa ba, wo nua mmarimma, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israel efie nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho sɛ, ‘Saa nkurɔfoɔ a wɔkɔɔ nnommum no ne Awurade ntam ɛkwan ware, ɛno enti na wɔde wɔn asase yi ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’ ”

Onyankopɔn Hyɛ Israel Atukɔfoɔ Bɔ

16“Ɛno enti ka sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so deɛ, nanso berɛ tiawa bi mu no, meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ soɔ no so.’

17“Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛboaboa mo ano afiri amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu soɔ no asane aba, na mede Israel asase bɛsane ama mo.’

18“Wɔbɛsane aba so na wɔayiyi nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa.

19Mɛma wɔn akoma korɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu; mɛyi wɔn akomaden no na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmrɛ.

20Afei wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so na wɔahwɛ akora me mmara yie. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn.

21Nanso wɔn a wɔde wɔn akoma ama nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no deɛ, mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn tiri so, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ.”

22Afei, Kerubim no ne wɔn ntwahonan trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu, na Israel Onyankopɔn animuonyam konkɔnn wɔn so.

23Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii kuropɔn no mu kɔgyinaa bepɔ a ɛwɔ apueeɛ fam no atifi.

24Honhom no pagyaa me de me baa atukɔfoɔ a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehunu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu.

Afei anisoadeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.

25Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ atukɔfoɔ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help