1Ao Awurade, mema me kra so kyerɛ wo;
2wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to.
Mma mʼanim ngu ase
na mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim.
3Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara
ani renwu da,
mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no
anim bɛgu ase.
4Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade,
na me nhunu wʼatempɔn.
5Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me,
ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ,
na mʼani da wo so daa nyinaa.
6Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛ
a ɛwɔ hɔ firi tete no.
7Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne
ne mʼatuateɛ akwan;
kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,
Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ.
8 Awurade yɛ, na ɔtene;
enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan.
9Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa so
na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ.
10 Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdie
ma wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ.
11Ao Awurade, me bɔne so deɛ,
nanso wo din enti, fa kyɛ me.
12Enti hwan ne onipa a ɔsuro Awurade?
Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no.
13Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu,
na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ.
14 Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no;
na ɔma wɔhunu nʼapam.
15Mʼani da Awurade so daa,
ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu.
16Dane wʼani hwɛ me, na dom me,
ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.
17Mʼakoma mu dadwene adɔɔso;
yi me dadwene firi me so.
18Hwɛ me haw ne mʼahohiahia
na yi me bɔne nyinaa firi me so.
19Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔso
ne ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me!
20Bɔ me nkwa ho ban na gye me.
Mma mʼanim ngu ase,
ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo.
21Ma tenenee ne nokorɛ mmɔ me ho ban,
ɛfiri sɛ mʼani da wo so.
22Gye Israel, Ao Onyankopɔn,
firi wɔn haw nyinaa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
