Hebrifoɔ 4 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Homebea Foforɔ

1Afei, ɛsiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ enti, momma yɛnhwɛ yie na mo mu bi antɔ sini wɔ mu.

2Ɛfiri sɛ wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso, wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔtiee no no annye anni.

3Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu

sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ,

‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’ ”

Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada.

4Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Ɛda a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.”

5Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.”

6Wɔn a wɔdii ɛkan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnnya ahome no.

7Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,

“Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a

mommpirim mo akoma.”

8Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire no Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm.

9Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no.

10Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no.

11Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.

12Onyankopɔn asɛm yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi.

13Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.

Yesu Yɛn Sɔfopanin

14Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim.

15Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.

16Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help