Yeremia 50 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Asɛm A Ɛfa Babilonia Ho

1Asɛm a Awurade nam odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafoɔ asase ho nie:

2“Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu.

Mompagya frankaa na mompae mu nka;

na momma wɔnte sɛ,

‘Wɔbɛfa Babilonia;

wɔbɛgu Bel anim ase,

na ehu bɛhyɛ Merodak ma.

Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim ase

na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’

3Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne so

na wɔbɛyɛ nʼasase amanfo.

Obiara rentena so;

nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so.

4“Nna no mu ne saa ɛberɛ no,”

Awurade na ɔseɛ,

“Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom

de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn.

5Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion

na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ.

Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade

wɔ daa apam a wɔn

werɛ remfiri mu.

6“Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera;

wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwan

ma wɔkyinkyinii mmepɔ so.

Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ so

na wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea.

7Obiara a ɔhunuu wɔn no tetee wɔn mu;

wɔn atamfoɔ kaa sɛ, ‘Yɛn nni fɔ,

ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokorɛ didibea no,

Awurade wɔn agyanom anidasoɔ no.’

8“Monnwane mfiri Babilonia;

momfiri Babiloniafoɔ asase so,

na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim.

9Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom

afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia.

Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no,

wɔbɛfiri atifi fam ako afa no.

Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu,

wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi.

10Enti wɔbɛfom Babilonia;

wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,”

Awurade na ɔseɛ.

11“Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie,

mo a mofom mʼagyapadeɛ,

sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu

na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti,

12Wo maame ani bɛwu pa ara;

deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase.

Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu,

ɛserɛ, asase wesee ne anweatam.

13 Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ

na ɛbɛda mpan korakora.

Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ

ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.

14“Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,

mo a moto agyan nyinaa.

Monto no! Monnnya bɛmma biara,

ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade.

15Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa!

Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu,

wɔdwiri nʼafasuo gu fam.

Esiane sɛ yei yɛ Awurade aweretɔ no enti,

montɔ ne so were;

monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no.

16Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia,

ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no.

Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena enti

obiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu,

obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so.

17“Israel yɛ nnwankuo a wɔahwete

a agyata apam wɔn.

Deɛ ɔdii ɛkan tetee ne mu

yɛ Asiriahene;

na deɛ ɔdwerɛɛ ne nnompe akyire no

yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”

18Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:

“Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso

sɛdeɛ metwee Asiriahene aso no.

19Na mede Israel bɛsane aba nʼankasa adidibea.

Ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan;

ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkokoɔ so.

20Saa nna no ne saa ɛberɛ no,”

Awurade na ɔsɛ,

“Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbuo mu,

nanso wɔrennya bi,

wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu,

nanso wɔrenhunu bi,

ɛfiri sɛ, mede nkaeɛfoɔ a megyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.

21“Monto nhyɛ Merataim asase so

ne nnipa a wɔte Pekod.

Montaa wɔn, monkunkum wɔn

na monsɛe wɔn korakora,”

Awurade na ɔseɛ.

“Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.

22Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so,

ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ!

23Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔ

asase nyinaa so asaeɛ!

Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpan

wɔ amanaman no mu!

24Mesum wo afidie Ao Babilonia,

na ɛyii wo ansa na worehunu;

wɔhunu wo kyeree wo

ɛfiri sɛ woko tiaa Awurade.

25 Awurade abue nʼakodeɛ akoradan

na wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue,

ɛfiri sɛ Otumfoɔ Awurade wɔ adwuma yɛ

wɔ Babiloniafoɔ asase so.

26Momfiri akyirikyiri mmra ne so.

Mommubu nʼasan no ani;

monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo.

Monsɛe no korakora

na monnnya no nkaeɛfoɔ biara.

27Monkunkum nʼanantwinini nyinaa;

momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn!

Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru,

ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

28Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no

sɛ wɔreka wɔ Sion

sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were

nʼasɔrefie ho aweretɔ.

29“Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babilonia,

wɔn a wɔto agyan nyinaa.

Montwa ne ho nhyia;

momma obiara nnwane.

Montua ne nneyɛɛ so ka;

monyɛ no sɛdeɛ wayɛ.

Ɛfiri sɛ, wabu Awurade animtia,

Israel kronkronni no.

30Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so;

wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,”

Awurade na ɔseɛ.

31“Hwɛ, mekyiri wo, Ao ɔhantanni.”

Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ,

“ɛfiri sɛ wo da no aduru

ɛberɛ a wɔde bɛtwe wʼaso no.

32Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase

obiara rempagya no;

mɛto ne nkuro mu ogya

na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”

33Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:

“Wɔhyɛ Israelfoɔ so,

na Yudafoɔ nso saa ara.

Wɔn nnommumfafoɔ no kura wɔn denden

a wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ.

34Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ;

ne din ne Asafo Awurade.

Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so

sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,

na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ.

35“Akofena bi bɛsɔre atia Babiloniafoɔ!”

Awurade na ɔseɛ.

“Ɛbɛtia wɔn a wɔte Babilonia

na atia nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ!

36Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ!

Wɔbɛdane nkwaseafoɔ.

Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ!

Ehu bɛhyɛ wɔn ma.

37Akofena bi bɛsɔre atia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam

ne amanfrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa!

Wɔbɛdane mmaa.

Akofena bi bɛsɔre atia nʼademudeɛ!

Wɔbɛfom.

38Ɔweɛ wɔ ne nsuo ahodoɔ so!

Ɛbɛwewe.

Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase,

ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.

39“Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ,

na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena.

Obiara rentena so bio

ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.

40Sɛdeɛ Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora

ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,”

Awurade na ɔseɛ,

“saa ara na obiara rentena hɔ;

onipa biara rentena mu.

41“Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba;

ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree,

wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano.

42Wɔkurakura bɛmma ne pea;

wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.

Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.

Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,

wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa

abɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Babilonia.

43Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm,

ne nsa sesa ne ho kwa.

Ahohiahia akyekyere no;

ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.

44Sɛdeɛ gyata a ɔfiri Yordan nkyɛkyerɛ mu

rekɔ adidibea frɔmfrɔm no,

saa ara na mɛtaa Babilonia so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu.

Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei?

Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?

Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”

45Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Babilonia,

deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafoɔ asase nie:

Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ;

wɔn enti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.

46Babilonia nnommumfa nnyegyeeɛ bɛma asase awoso;

ne nteateam bɛgyegye wɔ amanaman no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help