2 Korintofoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuSaa krataa yi, Paulo na ɔtwerɛeɛ. Ɔtaa ne amanehunu bata Kristo ho asɛnka ho. Saa asɛm yi bi pɛpɛɛpɛ na ɛtoo Paulo. Wɔguu nʼanim ase, wɔhwee no, wɔde no too afiase na ɛtɔ da bi koraa a, na wɔrepɛ no akum no. Nanso, nʼaba mu ammu. Akristofoɔ bi a wɔwɔ Korinto kaa ahoɔden ne tumi a Paulo de yɛ adwuma no ho asɛm. Saa krataa yi mu, Paulo yi ne ho ano kyerɛ nʼani gye a agye sɛ watumi aka wɔn a na wɔtia no no abom bio. Saa krataa yi maa Akristofoɔ a wɔwɔ Korinto no asomdwoeɛ.Emu NsɛmNkyea ne nnianimu (1.1-11)Paulo Anoyie (1.12–7.4)Asomdwoeɛ a ɛbaa Korintofoɔ ne Paulo ntam (7.5-16)Onyankopɔn adom (8.1–9.15)Paulo kasa fa ɔsomafoɔ a ɔyɛ ne ne tumi ho (10.1–13.10)Nhyira ne afotuo (13.11-14)