1“Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ nie: momfa nantwie ba ne nnwennini mmienu a wɔn ho nni dɛm;
2afei momfa esiam muhumuhu a mmɔreka nni mu nyɛ burodo a ɛyɛ dɛ ne taterɛ a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so.
3Fa burodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwie ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
4Momfa Aaron ne ne mmammarima no mmra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano hɔ, na momfa nsuo nnware wɔn.
5Afei, momfa Aaron atadeɛ yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atadekɔnsini no, ne asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no ne abɔwomu no,
6na momfa abotire a sikakɔkɔɔ kronkron bobɔ mu no mmɔ no.
7Afei, momfa srango no na monhwie ngu ne tiri so.
8Ne mmammarima no nso, momfa wɔn ntadeɛ yuu no nhyehyɛ wɔn.
9Momfa wɔn abɔwomu no ne ɛkyɛ nka wɔn ho. Saa ɛkwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefoɔ ma wɔnyɛ asɔfoɔ daa nyinaa.
10“Mode nantwie ba no bɛba Ahyiaeɛ Ntomadan no anim na Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa agu aboa no apampam.
11Afei, monkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.
12Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na monhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔrebukyia no ase.
13Monyi ne mu sradeɛ no ne ne berɛboɔ kotokuo no ne ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho no na monhye no wɔ afɔrebukyia no so.
14Afei, momfa aboa no ne ne wedeɛ ne nʼagyanan no mfiri beaeɛ hɔ na monkɔhye no sɛ bɔne ho afɔrebɔ.
15“Sɛ wɔrebɛkum nnwennini no nso a, Aaron ne ne mmammarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam
16na wɔnkum no. Wɔnsɔ ne mogya no na wɔmfa mpete afɔrebukyia no ho nyinaa.
17Twitwa odwennini no asinasini na hohoro nʼayamdeɛ no mu ne ne nnyawa no ho; fa ne ti no ne deɛ moatwitwa no gu faako
18na monhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.
19“Afei, momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmammarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam,
20na wɔnkum no. Monsɔ mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmammarima no aso nifa, wɔn kokurobetie nifa ne wɔn nan nifa kokurobetie so. Afei mompete nkaeɛ no ngu afɔrebukyia no ho nyinaa.
21Montwerɛ mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bi na momfa mfra srango na momfa mpete Aaron ne ne mmammarima so ne wɔn ntadeɛ mu. Ɛnam saa so bɛma wɔne wɔn ntadeɛ ho ate wɔ Awurade anim.
22“Momfa odwennini no sradeɛ ne ne duapuo ne ne mu sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa—yei ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmammarima asɔfoɔ.
23Momfa burodo mua baako ne taterɛ a wɔde srango afra, na monyi ɔfam baako mfiri kɛntɛn a wɔde burodo a mmɔreka nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu.
24Momfa yeinom nhyɛ Aaron ne ne mmammarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ ɔhim afɔrebɔdeɛ mma Awurade.
25Ɛno akyi, monnye mfiri wɔn nsam na monhye no afɔrebukyia no so sɛ ohwam afɔdeɛ mma no.
26Afei, momfa Aaron asɔfohyɛdwan no yan na monhim no Awurade anim, mfa nkyerɛ sɛ, morebɔ no afɔdeɛ; ɛno akyi momfa
27odwennini a moate ne ho no yan ne ne srɛ
28mma Aaron ne ne mmammarima. Ɛsɛ sɛ daa ɛyɛ Israelfoɔ asɛdeɛ sɛ wɔbɛboa saa afɔrebɔ yi—sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ anaa aseda afɔrebɔ, de hyɛ Awurade animuonyam.
29“Aaron ntadeɛ kronkron yi, wɔbɛkora na wɔate ho de ama ne mmammarima a daakye wɔbɛdi nʼadeɛ, sɛdeɛ sɛ wɔn asɔfohyɛ duru so a, wɔbɛtumi de ahyɛ wɔn.
30Ɔsɔfopanin biara a ɔbɛdi Aaron adeɛ no bɛhyɛ saa ntadeɛ yi nnanson ansa na wafiri nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ne kronkronbea hɔ.
31“Fa odwennini no nam a wɔate ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfoɔ no na monnoa no baabi a ɛhɔ te.
32Aaron ne ne mmammarima bɛdi burodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde ɛnam no abɔ so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
33Wɔn nko ara na wɔbɛwe ɛnam no adi nnuane a wɔde tee wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfoɔ abusua no mu no renni bi, ɛfiri sɛ, wɔate ho.
34Sɛ ɛba sɛ adeɛ kye ɛnam anaa burodo no bi so a, monhye no. Ɛnsɛ sɛ wɔdi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron.
35“Yei ne ɛkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmammarima no asɔfoɔ. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma.
36Ɛda biara, mode nantwie ba bɛbɔ afɔdeɛ de adwira mo ho. Ɛno akyi, pra afɔrebukyia no ho bɔne nyinaa na yɛ no kronkron na hwie ngo gu so fa te ho.
37Te afɔrebukyia no ho na daa yɛ no kronkron saa ara nnanson ma Onyankopɔn. Ɛno akyi, afɔrebukyia no ho bɛte yie sɛdeɛ biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea.
38“Ɛda biara, mommɔ nnwanten mma mmienu afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.
39Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ.
40Afɔrebɔ no mu baako, momfa asikyiresiam lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi firi ngo dua mu nkɔtoa mmienu ne fa; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa.
41Momfa odwammaa no baako a waka no mmɔ anwummerɛ afɔdeɛ a asikyiresiam ne nsã ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔrehwam ama Awurade.
42“Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so ɛda biara wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano wɔ Awurade anim. Ɛhɔ na mɛhyia mo ne mo akasa.
43Na mɛhyia Israel mma wɔ hɔ na mʼanimuonyam ate Ahyiaeɛ Ntomadan no ho.
44“Ampa ara, mɛte Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho ne Aaron ne ne mmammarima a wɔyɛ mʼasɔfoɔ no ho.
45Na mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Onyankopɔn,
46na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn. Mede wɔn firi Misraim baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Onyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.