Yeremia 45 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Asɛm A Wɔde Ma Baruk

1Yei ne nsɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan so mu, ɛberɛ a na Baruk atwerɛ nsɛm a ɛfiri Yeremia anom no agu nwoma mmobɔeɛ bi mu.

2“Baruk, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka kyerɛ wo:

3Wokaa sɛ, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhoɔ aka me yeadie ho, na apinisie ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’

4Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase wɔ asase no so nyinaa.

5Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛseɛ ma wo ho anaa? Ɛnyɛ saa. Ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ɔseɛ, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ ”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help