Marko Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuNa Marko yɛ aberantewaa a nʼadamfo pa ara ne Petro a, na ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako no. Na nsɛm a ɔtwerɛeɛ no yɛ nsɛm a Petro ka kyerɛɛ no fa Yesu abrabɔ ho no. Wantwerɛ biribiara amfa Yesu abusuadua, nʼawoɔ ne ne mmɔfraase ho. Afei nso, wanka nsɛm a Yesu kaeɛ no ho nsɛm pii na mmom, dwuma a Yesu diiɛ no titire na ɔkaa ho nsɛm. Ɔtwerɛɛ nsɛm bebree faa Yudafoɔ amanneɛ ho a ɛkyerɛ sɛ, saa nwoma yi, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔnyɛ Yudafoɔ.Emu NsɛmYesu fiti ne nkyerɛkyerɛ ase, (1.1-13)Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛdi ɛkan wɔ Galilea, (1.14–3.6)Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛtɔ so mmienu wɔ Galilea, (3.7–7.23)Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Galilea, (7.24–9.50)Yesu firi Galilea kɔ Yerusalem, (10.1-52)Yesu wɔ Yerusalem, nʼamanehunu ne ne owuo, (11.1–16.8)Owusɔreɛ ne Yesu ho adiyisɛm, (16.9-20)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help