Nnwom 36 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 36 Awurade ɔsomfoɔ Dawid dwom.

1Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma so

a ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho.

Wɔnnsuro Onyankopɔn.

2Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodo

enti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ.

3Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa;

ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa.

4Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne;

na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwan

na ɔmpo deɛ ɛnyɛ.

5 Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosoro

wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn.

6Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ.

Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu.

Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.

7Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo!

Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa

nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.

8Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie

woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu.

9Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ;

wo hann mu na yɛhunu hann.

10Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo,

ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu.

11Mma ɔhantanni nan ntia me

anaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me.

12Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase,

wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help