Ɔsɛnkafoɔ 6 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Mahunu bɔne foforɔ bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yie:

2Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea.

3Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no.

4Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so.

5Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya.

6Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?

7Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia,

nanso nʼakɔnnɔdeɛ mmee no da.

8Na ɛdeɛn na onyansafoɔ wɔ de sene ɔkwasea?

Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yie wɔ afoforɔ anim a

mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

9Deɛ aniwa hunu no

yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ.

Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

Ɛte sɛ wotaa mframa.

10Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada,

na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada;

onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔden

sene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.

11Nsɛm dɔɔso a,

emu aba yɛ kakraa bi,

na ɛho wɔ mfasoɔ ma onipa anaa?

12Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa wɔ ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu kɔ sɛ sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi wɔ owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help