Yesaia 17 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Adehunu A Ɛtia Damasko

1Adehunu a ɛfa Damasko ho:

“Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio

ɛbɛdane ayɛ mmubuiɛ sie.

2Aroer nkuropɔn bɛdane nkurofon

na wɔagya ama nnwankuo ama wɔadeda hɔ,

a obiara renyi wɔn hu.

3Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim,

adehyetumi nso bɛfiri Damasko;

Aram nkaeɛfoɔ bɛyɛ

Israelfoɔ animuonyam,”

Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

4“Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa;

na ne mu sradeɛ bɛsa.

5Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo so

na ɔde ne nsa pempan

sɛ ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwa

wɔ Refaim Bɔnhwa mu.

6Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka,

sɛdeɛ wɔwoso ngo dua a ɛyɛ no;

ɛka aba no mmienu anaa mmiɛnsa wɔ atifi mman no so,

ne ɛnan anaa enum wɔ mman a ɛsoɔ no so,”

sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie.

7Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so

na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.

8Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia a

ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so,

na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyia

a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia.

9Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan.

10Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa,

na monkaee Ɔbotan no, mo aban no.

Enti ɛwom sɛ mopɛ nnua papa

na modua bobe a moatɔ afiri amanɔne.

11Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ

anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren.

Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ

yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa.

12Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ,

wɔhuruso te sɛ ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye!

Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ,

wɔworoso sɛ nsuo akɛseɛ!

13Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so,

nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri,

te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ so

te sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no.

14Anwummerɛ, wɔbɔ yɛn hu awerɛfirie mu.

Nanso ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔkɔ dada!

Wɔn a wɔfo yɛn nneɛma,

ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔno kyɛfa nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help