Ɔsɛnkafoɔ 3 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Biribiara Wɔ Ne Ɛberɛ

1Biribiara wɔ ne berɛ,

na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne berɛ.

2Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ,

ogu wɔ ne berɛ, na otwa nso wɔ ne berɛ,

3ɔkum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ,

ɔbubu wɔ ne berɛ, na ɔsi nso wɔ ne berɛ,

4agyaadwotwa wɔ ne berɛ, na ɔsereɛ nso wɔ ne berɛ,

awerɛhoɔ wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ,

5aboɔ hweteɛ wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ,

akwaaba wɔ ne berɛ, na nanteyie wɔ ne berɛ,

6adehwehwɛ wɔ ne berɛ, na adehwereɛ wɔ ne berɛ,

adekora wɔ ne berɛ, na adetoguo wɔ ne berɛ,

7adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ, na ne pempam wɔ ne berɛ,

kommyɛ wɔ ne berɛ, na kasa wɔ ne berɛ,

8ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtan wɔ ne berɛ,

ɔko wɔ ne berɛ, na asomdwoeɛ wɔ ne berɛ.

9Mfasoɔ bɛn na odwumayɛfoɔ nya firi nʼadwumaden mu?

10Mahunu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so.

11Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase.

12Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase.

13Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ.

14Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no.

15Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn,

na deɛ ɛbɛba no nso aba dada;

na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.

16Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ:

Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ,

atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ.

17Medwenee wɔ mʼakomam sɛ,

“Onyankopɔn bɛbu

teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,

ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ,

adeyɛ biara ne ne berɛ.”

18Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa.

19Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ.

20Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane kɔ dɔteɛ mu.

21Hwan na ɔnim sɛ onipa honhom foro soro, na aboa deɛ siane kɔ asase mu anaa?”

22Enti mehunuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba sɛ ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help