4 Mose 7 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Ɛda a Mose wiee Ahyiaeɛ Ntomadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tee ho nyinaa a afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa ka ho.

2Afei, Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no mu mpanin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔdeɛ baeɛ.

3Wɔde nteaseɛnam nsia a wɔakatakata ho ne anantwie dumienu na wɔde baeɛ. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanimfoɔ mmienu dea, a nantwie baako yɛ wɔn mu biara dea. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anim.

4 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

5“Gye wɔn akyɛdeɛ no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no na wɔmfa nni dwuma biara a ɛho hia wɔn.”

6Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwie no maa Lewifoɔ no.

7Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfoɔ nteaseɛnam mmienu ne anantwie ɛnan

8ɛnna ɔmaa Merari ne ne nkurɔfoɔ nso nteaseɛnam ɛnan ne anantwie nwɔtwe a Aaron babarima Itamar na na ɔdi so panin.

9Wɔamma Kohat nkurɔfoɔ nteaseɛnam no bi, ɛfiri sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmatire.

10Ɛda no, mpanimfoɔ a wɔdi anim no nso de atenaseɛbɔ akyɛdeɛ bɛguu afɔrebukyia no anim da a wɔresra afɔrebukyia no ngo no.

11Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼatenasebɔdeɛ bɛba afɔrebukyia no so.”

12Aminadab babarima Nahson a ɔfiri Yuda abusuakuo mu na ɔde nʼatenasebɔdeɛ baa ɛda a ɛdi ɛkan no.

13Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

14Afei, ɔde sikakɔkɔɔ adaka ketewa bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma baeɛ.

15Ɔde nantwinini ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

16Wɔde abirekyie baeɛ sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ

17na asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no deɛ, anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyie enum ne nnwammaa enum a wɔadi afe na wɔde wɔn baeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Nahson babarima Aminadab de baeɛ.

18Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

19Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

20Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

21Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

22ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ

23ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Suar babarima Netanel de baeɛ.

24Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

25Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

26Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ ma nso baeɛ.

27Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

28ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

29ne anantwie mmienu, nnwennini enum ne mmirekyinini enum sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Helon babarima Eliab de baeɛ.

30Ne nnanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

31Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

32Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

33Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

34ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

35ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe.

Yei ne afɔdeɛ a Sedeur babarima Elisur de baeɛ.

36Ne nnanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

37Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

38Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru bɛyɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

39Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wɔadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

40ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ,

41ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Surisadai ba Selumiel de baeɛ.

42Ne nna nsia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

43Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

44Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

45Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

46ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

47ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Deguel ba Eliasaf de baeɛ.

48Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

49Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

50Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

51Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

52ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

53ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Amihud babarima Elisama de baeɛ.

54Ne nnawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

55Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

56Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

57Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

58ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

59ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpɔnkyenini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Pedahsur ba Gamaliel de baeɛ.

60Ne nna nkron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

61Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

62Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

63Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

64ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ

65ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Gideoni babarima Abidan de baeɛ.

66Ne dadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

67Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

68Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

69Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

70ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

71ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Amisadai babarima Ahieser de baeɛ.

72Ne dadu da baako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

73Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

74Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

75Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

76ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

77ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Okran babarima Pagiel de baeɛ.

78Ne dadu nna mmienu so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

79Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

80Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

81Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

82ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

83ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Enan babarima Ahira de baeɛ.

84Enti, yei ne afɔrebukyia no afɔrebɔdeɛ a Israel mpanimfoɔ de ba bɛsraa afɔrebukyia no nam so bɔɔ no atenaseɛ:

dwetɛ mprɛte dumienu, dwetɛ hweaseammɔ dumienu ne sikakɔkɔɔ aduhwam akoradeɛ dumienu.

85Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no nyinaa kari bɛyɛ kilogram aduasa. Na prɛte biara kari kilogram baako ne fa, na dwetɛ kyɛnsee no nso kari kilogram baako.

86Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛeɛ no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akoradeɛ no mu biara duru yɛ nnwetɛbena edu a wɔde aduhwam ahyɛ no ma.

87Wɔde anantwie dumienu ne nnwennini a wɔn mu biara adi afe na wɔde bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no a atokoɔ afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ.

88Asomdwoeɛ afɔdeɛ nneɛma a wɔde baeɛ nie: anantwinini mma aduonu ɛnan, nnwennini aduosia, mmirekyie aduosia, nnwammaanini a wɔn mu biara adi afe aduosia.

89Ɛberɛ a Mose kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi firi soro a ɛrekasa kyerɛ no firi Mpata Beaeɛ no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a Kerubim mmienu no sisi no ntam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help