Nnwom 52 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 52Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no.

1Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?

Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,

wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so?

2Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ;

ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe.

Wo a wotwa nkontompo nko ara.

3Wʼani gye bɔne ho sene papa,

wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ.

4Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba,

Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ!

5Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo;

ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu;

Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so.

6Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro;

wɔbɛsere no na wɔaka sɛ,

7“Hwɛ, onipa no nie

deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden

na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so

na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!”

8Nanso, mete sɛ ngo dua a

ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie:

mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so

daa nyinaa.

9Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti;

wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ.

Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help