1Afei, deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ wɔ mu.
2Ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Amos?”
Mebuaa sɛ, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma.”
Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio.”
3Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”
4Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so,
na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so,
5na moka sɛ,
“Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam
ama yɛatɔn aduane,
na Homeda bɛba awieeɛ
ama yɛadi ayuo dwa?”
Sɛ mobɛhyɛ susukora mu
na moatoto ɛboɔ so
na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,
6na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ
na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa,
na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn.
7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da.
8“Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa,
na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa?
Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nil
ɛbubu afa so, na asane atwe bio
te sɛ Misraim asubɔnten.”
9Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,
“Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ,
na mama esum aduru asase so awia ketee.
10Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie
na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu.
Mɛma mo nyinaa afira ayitoma
na mayi mo tirinwi.
Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da
na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.
11“Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,
“Mɛma ɛkɔm aba asase no so,
ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm,
na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm.
12Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so
na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam,
sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm,
nanso wɔrenhunu.
13“Na saa da no
“mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ
bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti.
14Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam,
anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no,
wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
