1Tie: Nyansa refrɛ.
Nteaseɛ ma ne nne so.
2Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,
nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina,
3apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho,
ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ,
4“Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ;
meteam frɛ adasamma nyinaa.
5Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte;
mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ.
6Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;
mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ.
7Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ,
ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.
8Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ;
ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.
9Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu;
ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.
10Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,
momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa.
11Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota,
na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho.
12“Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ;
nimdeɛ ne nhunumu wɔ me.
13Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne;
mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,
ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.
14Afotuo ne atemmuo pa wɔ me;
mewɔ nteaseɛ ne tumi.
15Me so na ahemfo nam di adeɛ
na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;
16Mmapɔmma de me bu ɔman
ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene.
17Medɔ wɔn a wɔdɔ me,
na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me.
18Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn,
ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara.
19Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa;
deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so.
20Tenenee akwan so na menam
atɛntenenee akwan so,
21mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ me
na mehyɛ wɔn adekoradan ma ma.
22“Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakan
dii ne tete nneyɛɛ anim;
23ɔyii me sii hɔ firi tete,
ansa na ewiase rehyɛ aseɛ.
24Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no
ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no;
25ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ,
wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba,
26ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo
anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ.
27Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro,
ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no,
28ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro
na ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no,
29ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛpo
sɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ,
ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no,
30na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn.
Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa
na medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara,
31na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa mu
na mʼani ka wɔ adasamma mu.
32“Enti me mma, montie me;
nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so.
33Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa;
mommu mo ani nngu so.
34Nhyira ne onipa a ɔtie me,
ɔwɛn mʼaboboano daa,
na ɔtwɛn wɔ hɔ.
35Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa
na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn.
36Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho
na wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.