Kwadwom Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuKwadwom Nwoma yi yɛ anwonsɛm enum bi a wɔaboaboa ano. Wɔde kae sɛe a wɔsɛee Yerusalem, bubu guu fam ne kuro no mufoɔ awerɛhoɔ a wɔdii wɔ atoyerɛnkyɛm ne ɔhaw a wɔhunuu wɔ wɔn amanɔne nkoasom ho.Wɔfrɛ Yeremia “Odiyifoɔ ɔsufoɔ”. Ne su no firi nʼakoma mu awerɛhoɔ die bebrebe mu. Na Yeremia nim asɛm a ɛbɛba ne man Yuda ne Yerusalem a ɛyɛ Onyankopɔn ahenkuro no so. Enti wansu ne ho anaa nʼamanehunu ho. Ɔsuiɛ, ɛfiri sɛ ne manfoɔ no poo Onyankopɔn na ɔhunuu atemmuo ne ɔsɛeɛ a ɛreba wɔn so.Nwoma yi ma yɛhunu sɛ Onyankopɔn mu gyidie ne anidasoɔ wɔ hɔ daakye.Emu NsɛmYeremia su Yerusalem (1.1-22)Onyankopɔn abufuo a ɛtia bɔne (2.1-22)Amanehunu mu anidasoɔ (3.1-66)Yerusalem sɛeɛ (4.1-22)Yeremia odima mpaeɛbɔ (5.1-22)