Nnwom 75 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 75Asaf dwom.

1Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase,

yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn;

nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ.

2Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no;

ɛyɛ me na mebu atɛntenenee.

3Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a,

me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.

4Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’

na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so.

5Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro;

mommfa animtiabuo nkasa.’ ”

6Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ

anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so.

7Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn:

Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so.

8Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam

nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma;

ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa

nom ma ɛka aseɛ puo.

9Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa;

mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn.

10Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn,

nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help