Nnwom 110 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 110Dawid dwom.

1 Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ,

“Tena me nifa so

kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ

bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”

2 Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion;

na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so.

3Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu

ɛda a wobɛkɔ sa.

Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ

na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn

sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.

4 Awurade aka ntam

na ɔrensesa nʼadwene:

“Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ

te sɛ Melkisedek sɛso.”

5 Awurade wɔ wo nifa so;

ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no.

6Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano;

na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa.

7Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo

enti ɔbɛdi nkonim.

Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo,

na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help