1Akyire no a yɛhunuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene.
2Enti, yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidie den,
3sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔtaa no enti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara monim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn.
4Ɛberɛ a na yɛne mo wɔ hɔ no, yɛdii ɛkan ka kyerɛɛ mo sɛ, wɔbɛtaa yɛn, na sɛdeɛ monim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi.
5Yei enti, ɛsiane sɛ na asɛm no hyɛ me so enti, mesomaa Timoteo sɛ ɔmmɛhwehwɛ mo gyidie mu. Mewɔ anidasoɔ sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma yɛadi no nyinaa anyɛ kwa.
6Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn sɛ daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ mohunu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhunu mo no ara pɛ.
7Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,
8ɛfiri sɛ, sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yɛtumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.
9Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo enti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛ yɛn wɔ nʼanim.
10Daa awia ne anadwo, yɛfiri yɛn akoma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo deɛ ɛhia mo wɔ mo gyidie mu.
11Ɔno ara yɛn Onyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn.
12Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforɔ mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no.
13Mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nyinaa ba a, ɔbɛma mo akoma mu ayɛ kronkron a nkekaawa biara nni mu wɔ Agya Onyankopɔn anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
