5 Mose 7 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Wɔpam Amanaman No

1Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so a, ɔbɛpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim no a wɔyɛ Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom yɛ aman nson a wɔsoso na wɔyɛ den sen mo.

2Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de saa aman yi hyɛ mo nsa na modi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nnhyehyɛ apam biara na monnhunu wɔn mmɔbɔ.

3Mo ne wɔn nni awadeɛ na mommma mo mmammaa ne mo mmammarima nnware wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.

4Ɛfiri sɛ, wɔakɔsom wɔn anyame foforɔ. Na Awurade abufuo bɛhuru atia mo na wasɛe mo.

5Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn abosom adum no ngu. Montwitwa wɔn abosompɔ ngu na monhye wɔn ahoni.

6Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ Awurade mo Onyankopɔn dea. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade mo Onyankopɔn ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ sononko.

7Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sene nnipa a aka no enti na Awurade anya mo ho dɔ no, na mo na mosua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu.

8Na mmom, ɛyɛ Awurade dɔ a ɔdɔ mo, ne ne ntam a ɔdii so no: ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no bɛyi mo afiri nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no.

9Monhunu sɛ Awurade mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so.

10Nanso, ɔntwentwɛn na ɔsɛe. Ɔtwe wɔn a wɔmpɛ nʼasɛm aso, sɛe wɔn.

11Ɛno enti, monni ahyɛdeɛ ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so.

12Sɛ motie mmara yi na modi ne nyinaa so nokorɛm a, Awurade, mo Onyankopɔn, nso bɛdi nʼapam a ɔfiri ne nokorɛ dɔ mu ne mo agyanom pameeɛ no so.

13Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wayɛ mo ɔman kɛseɛ. Ɔbɛma mo awo mma bebree na wama mo asase adɔre na mo nyɛmmoa ase ayɛ bebree. Sɛ moduru asase a ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so a, mobɛnya aburoo, nsã, ngo, anantwie, nnwan ne mpɔnkye bebree.

14Wɔbɛhyira mo aboro aman a wɔwɔ asase so nyinaa so. Mo mmarima renyɛ saadwe, na mo mmaa nso renyɛ abonini, na mo nyɛmmoa nso bɛwowo.

15Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afiri yadeɛ nyinaa ho. Ɔremma owuyadeɛ a ebi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo, na ɔde saa yadeɛ no nyinaa bɛma mo atamfoɔ.

16Monsɛe aman a Awurade mo Onyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Monnhunu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛsum mo afidie.

17Mobɛbisa mo ho sɛ, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apamo wɔn?”

18Nanso, monnsuro wɔn. Monkae adeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfoɔ nyinaa wɔ Misraim.

19Mode mo ankasa mo ani hunuu amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm a ɛbaa wɔn so. Mohunuu tumi nsa ne abasa a wɔatrɛ mu a Awurade, mo Onyankopɔn, nam so yii mo firii hɔ no. Nnipa a mosuro wɔn seesei no, Awurade Onyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so.

20Ɛno akyi, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma mmɔborɔ abɛpam kakra a aka no afiri wɔn atɛeɛ mu kɔsi sɛ wɔn ase bɛhye.

21Monnsuro saa aman no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwanwa no wɔ mo afa.

22Nkakrankakra, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no adi mo anim ɛkan. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfiri hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔre ntɛm na wɔaba mo so.

23Nanso, Awurade, mo Onyankopɔn de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa kɔsi sɛ ɔbɛsɛe wɔn.

24Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn.

25Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye wɔn. Mommma mo ani mmere ɛso dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no, na mommfa nto mo ho na anyɛ afidie anyi mo, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.

26Mommfa akyiwadeɛ biara mma mo fie, na moankɔyɛ nnome sɛ saa nneɛma no, na amma wɔansɛe mo. Ɛsɛ sɛ mokyi saa nneɛma no korakora, ɛfiri sɛ, ɛyɛ abusudeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help