Adiyisɛm Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuNa Yohane yɛ Yesu asuafoɔ no mu baako. Ɔno na ɔtwerɛɛ Yohane Asɛmpa, Yohane Nwoma a Ɛdi Ɛkan, Yohane Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu, Yohane Nwoma a Ɛtɔ So Mmiɛnsa ne saa Adiyisɛm yi. Saa ɛberɛ no na wɔtaa Akristofoɔ dendeenden pa ara. Wɔtwaa Yohane asuo de no kɔɔ Patmo Supɔ so. Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn nam anisoadehunu so daa nneɛma bebree adi kyerɛɛ no ma ɔtwerɛ guu hɔ. Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ no sɛ, ɛkwan biara so, Akristofoɔ bɛnya wɔn adonneɛ a ɛfata wɔn, na asase foforɔ bi bɛba a ɔyea ne awerɛhoɔ nni so. Saa nwoma yi hyɛɛ Akristofoɔ nkuran ɛberɛ a na wɔwɔ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no.Emu NsɛmNnianimu (1.1-8)Adiyisɛm a ɛdi ɛkan (1.9–3.22)Adiyisɛm a ɛtɔ so mmienu (4.1–16.21)Adiyisɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa (17.1–21.18)Adiyisɛm a ɛtɔ so nan (21.9–22.5)Asɛnka a ɛtwa toɔ (22.6-21)