3 Mose 22 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ, wɔmfa anidie mma afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ ate ho ama me no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnngu me din ho fi. Mene Awurade.

3“Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, sɛ ɔsɔfoɔ biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛdeɛ biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ mma Awurade a, wɔbɛworɔ nʼatadeɛ. Mene Awurade.

4“Ɔsɔfoɔ biara a ɔwɔ honam ani nsane yadeɛ biara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ, wɔasa no yadeɛ ama ne ho afiri ansa. Ɔsɔfoɔ biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosene enti ne ho bɛgu fi no,

5anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwadeɛ bi anaa obi a biribi enti, wɔagu ne ho fi no,

6saa ɔsɔfoɔ no ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ. Ɔrenni afɔrebɔdeɛ a wɔate ho no bi kɔsi anwummerɛ a ɔbɛdware.

7Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛte na ɛno akyi ɔbɛtumi adi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼaduane.

8Ɛnsɛ sɛ ɔdi aboa funu anaa deɛ akekaboa bi atete ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene Awurade.

9“Bɔ asɔfoɔ no kɔkɔ na wɔnni saa mmara yi so yie, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so enti. Mene Awurade a mate wɔn ho.

10“Obiara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfoɔ. Ɔhɔhoɔ a wabɛsra ɔsɔfoɔ no nni ho kwan sɛ ɔdi bi. Na saa ara nso na ɔsomfoɔ a wɔtua no ka nni ho kwan sɛ ɔdi bi.

11Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfoɔ no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wɔdi bi.

12Sɛ ɔsɔfoɔ babaa kɔware firi abusuakuo no akyi baabi a, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi.

13Na sɛ ɔyɛ okunafoɔ anaa obi a wɔagyaa no awadeɛ na ɔnni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno enti ɔsane ba nʼagya nkyɛn a, ɔtumi di nʼagya aduane no bi bio. Yeinom akyi no, asɔfoɔ no abusuafoɔ nko ara na wɔwo ho kwan sɛ wɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no.

14“Sɛ obi anhunu na ɔkɔdi saa afɔrebɔdeɛ kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ ɔtua ho ka na ɔsane bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho.

15Ɛfiri sɛ, afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wɔnni bi no di bi, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔde saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa abrɛ no.

16Na obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, ɛfiri sɛ, wadi afɔrebɔdeɛ kronkron. Na mene Awurade a mete afɔrebɔdeɛ nyinaa ho.”

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

18“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bɔhyɛ bi enti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no,

19sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwie ba anaa odwan anaa abirekyie no, Awurade bɛgye.

20Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛdɛm wɔ ho bɔ afɔdeɛ, ɛfiri sɛ, wɔrennye.

21Obiara a ɔfiri nʼanantwie anaa ne nnwan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔdeɛ no, ɛfiri sɛ, wɔrennye.

22Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa ekuro anaa nweweeɛ wɔ ne ho, anaa wedeɛ ani yadeɛ ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔrebukyia so bɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade.

23Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwie ba anaa odwan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔdeɛ na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔdeɛ.

24Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ Awurade afɔdeɛ ɛkwan biara so.

25Saa mmara yi da hɔ ma ahɔhoɔ a wɔfra mo mu a wɔpɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ne mo ankasa, ɛfiri sɛ, aboa biara a wadi dɛm no nyɛ mma saa afɔrebɔ no.’ ”

26 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

27“Sɛ wɔwo nantwie, odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne maame nkyɛn nnanson. Na ɛfiri nnawɔtwe rekorɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔdeɛ a, Awurade bɛgye.

28Ɛnsɛ sɛ mokum aboa bi ne ne ba ɛda koro, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan.

29“Sɛ morebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛsɛ sɛ mofa ɛkwan pa so,

30ɛne sɛ, mobɛwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ no nam ɛda no ara a wɔkumm no no. Mommma adeɛ nnkye ebi so. Mene Awurade.

31“Monni me mmarahyɛ nyinaa so na mene Awurade.

32Ɛnsɛ sɛ mogu me din kronkron ho fi. Monni me ni na me, Awurade, na metee mo ho de mo bataa me ho,

33nam so gyee mo firii Misraim ma mobɛyɛɛ mʼankasa me nnipa! Mene Awurade.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help