Nnwom 87 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 87Kora mma dwom.

1 Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;

2 Awurade dɔ Sion apono no

sene Yakob atenaeɛ nyinaa.

3Wɔka wo ho animuonyamsɛm

Ao Onyankopɔn kuropɔn:

4“Mede Rahab ne Babilonia

bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho,

Filistia, Tiro ne Kus nso

mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ”

5Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ,

“Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu,

na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.”

6 Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ,

“Wɔwoo yei wɔ Sion.”

7Na wɔbɛto dwom sɛ,

“Me nhini nyinaa wɔ wo mu.”

Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help