Nnwom 142 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 142Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ.

1Meteam mesu frɛ Awurade;

me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ.

2Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim;

meka me haw kyerɛ no.

3Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a,

ɛyɛ wo na wonim mʼakwan.

Ɛkwan a menam so no

nnipa asum me afidie wɔ so.

4Hwɛ me nifa so na hunu sɛ;

mʼasɛm mfa obiara ho;

menni dwanekɔbea bi;

me nkwa mfa obiara ho.

5Ao Awurade, mesu mefrɛ wo;

mese, “Wone me dwanekɔbea,

me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.”

6Tie me sufrɛ,

na mewɔ ahohia kɛseɛ mu;

gye me firi mʼataafoɔ nsam,

ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.

7Yi me firi me nneduadan mu,

na makamfo wo din.

Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia

ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help