1Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim:
Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu
na ɔreba Misraim.
Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,
na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.
2“Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako,
onua bɛko atia onua,
ɔyɔnko atia ɔyɔnko,
kuropɔn atia kuropɔn,
ahennie atia ahennie.
3Misraimfoɔ no renya abodwo,
na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa.
Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom,
asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn.
4Mede Misraim bɛhyɛ
owura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase,
na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
5Nsubɔntene mu nsuo bɛwe,
na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee.
6Nsuka bɛyi hwa;
na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe.
Demmire ne ɛserɛ bɛdwan,
7Nil nsunoa nnua nso,
deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no.
Nil nsunoa so mfuo nyinaa
bɛwo wesee na awu koraa.
8Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo,
wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;
wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no so
bɛdi awerɛhoɔ.
9Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu,
wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.
10Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ
na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto.
11Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ;
Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne.
Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ,
“Meyɛ anyansafoɔ no mu baako,
tete ahemfo no kyidifoɔ?”
12Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei?
Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu
deɛ Asafo Awurade
ahyehyɛ atia Misraim.
13Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ,
wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfoɔ
ne nnipa no ntuanofoɔ
ama Misraim afom ɛkwan.
14 Awurade ahwie
anisobirie honhom agu wɔn mu;
wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,
te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho.
15Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ;
obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire.
16Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.
17Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti.
18Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn.
19Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama Awurade.
20Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn.
21Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.
22Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ.
23Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom.
24Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so.
25Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.