Nnwom 132 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 132Ɔsoroforɔ dwom.

1Ao Awurade kae Dawid

ne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no.

2Ɔkaa Awurade ntam

na ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no bɔ sɛ,

3“Merenhyɛne me fie

na merenkɔda me mpa so,

4meremma nna mfa me

na meremma mʼani nkum,

5kɔsi sɛ menya baabi ama Awurade,

baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena.”

6Yɛtee wɔ Efrata,

yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuo so.

7“Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ;

momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ.

8‘Ao Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,

wo ne wo tumi Adaka no.

9Ma tenenee nyɛ sɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ;

ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’ ”

10Wo ɔsomfoɔ Dawid enti,

nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.

11 Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,

nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane sɛ,

“Wʼasefoɔ no mu baako

na mede no bɛtena wʼahennwa so.

12Sɛ wo mmammarima di mʼapam so

na wɔtie me nkyerɛkyerɛ a,

ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtena

wʼahennwa so afebɔɔ.”

13 Awurade ayi Sion,

ɔde hɔ ayɛ nʼatenaeɛ:

14“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;

ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ,

15mede nneɛma pa bebree bɛhyira no

na mama nʼahiafoɔ adidi amee.

16Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔ

na nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa.

17“Mɛma ɔberempɔn bi apue wɔ Dawid ahennie mu

na mede kanea asi hɔ ama deɛ masra no ngo no.

18Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ,

nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn wɔ ne tiri so.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help