1Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,
ma Israel nka.
2Sɛ anka Awurade nni yɛn afa
ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,
3ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a,
anka wɔmenee yɛn anikann;
4anka nsuyire no bu faa yɛn so,
anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,
5anka nsuo a ano yɛ den no
afa yɛn kɔ.
6Nkamfoɔ nka Awurade a
wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.
7Yɛadwane sɛ anomaa
afiri afirisumfoɔ afidie mu;
afidie no mu abubu,
ama yɛanya ɛkwan adwane.
8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,
ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
